Luke 9

Dumien no soma

1Da bi Yesu frɛɛ Dumien no hyiae maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde betu ahohommɔne na wɔde asa nyarewa nso. 2Afei ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm na wɔnsa nyarewa.

3Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo akwantu yi mu, mommfa biribiara nnkɔ, sɛ ɛyɛ poma anaa akwantubɔtɔ, anaa aduan biara, anaa sika, anaa ntade abien abien. 4Na sɛ mokɔ kurow bi mu a, ofi biara a mobɛsoɛ mu no, ɛhɔ ara na montena kosi sɛ mubefi kurow no mu.

5“Sɛ mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo, na morefi hɔ akɔ a, momporoporow mo nan ase mfuturu mfa nkyerɛ sɛ, mo ne wɔn nni hwee yɛ bio.”

6Wofii hɔ no, wɔkɔɔ nkuraase nkuraase kɔkaa asɛmpa no, saa nyarewa pii nso.

Herode pɛ sɛ ohu Yesu

7Ɔmansinhene Herode tee nea Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaw no yiye, efisɛ, na ebinom keka se Yohane Osuboni na wasɔre afi awufo mu, 8na afoforo nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifo no mu baako na wasɔre afi awufo mu aba.

9Herode kae se, “Yohane de, matwa ne ti, na hena koraa ne saa onipa yi a mete anwonwasɛm a ɛte sɛɛ fa ne ho yi?” Eyi nti, ɔpɛe sɛ ohu no.

Yesu ma nnipa mpemnum aduan

10Asomafo no fi wɔn akwantu mu bae no, wɔbɔɔ nsɛm a esisii hɔ nyinaa ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu. Eyi akyi, Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida. 11Nnipakuw no huu nea Yesu ne nʼasomafo no wɔ no, wotiw wɔn ma ogyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefo yare.

12Anim rebiribiri no, dumien no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ nea wobedi ne nea wɔbɛda, efisɛ, baabi a yɛwɔ yi yɛ sare so.”

13Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Wobuaa no se, “Yɛwɔ abodoo anum ne mpataa abien pɛ. Ɛno nti, gye sɛ yɛkɔtɔ aduan brɛ wɔn nyinaa.” 14Na nnipa bɛyɛ mpemnum na ahyia wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum.” 15Wɔyɛɛ sɛnea Yesu kae no.

16Afei Yesu faa abodoo anum no ne mpataa abien no na ɔhwɛɛ soro, daa so ase, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no.

17Obiara didi mee. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumien.

Petro kyerɛ onipa ko a Yesu yɛ

18Da bi Yesu nko ara kɔhyɛɛ baabi bɔɔ mpae. Eyi akyi no, obisaa nʼasuafo no se, “Nnipa ka se mene hena?”

19Wobuaa no se, “Ebinom ka se, woyɛ Yohane Osuboni, ebinom nso ka se Elia, na afoforo nso se, woyɛ tete adiyifo no baako na wasɔre afi awufo mu aba.”

20Yesu bisaa wɔn se, “Na mo nso muse mene hena?” Petro buaa no se, “Wone Kristo, nea Onyankopɔn asoma no no.”

Yesu hyɛ ne wu ho nkɔm

21Yesu bɔɔ wɔn ano se wɔnnka nnkyerɛ obiara. 22Ɔtoaa so se, “Ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane pii; Yudafo mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne mmara no akyerɛkyerɛfo nso bɛpo no. Akyiri yi wobekum no, na ne nnansa so wasɔre.”

23Afei ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasɛnnua na onni mʼakyi. 24Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sen me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na nea me nti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka. 25Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, dɛn mfaso na obenya?

26“Na nea nʼani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso da a me, Kristo, bɛba wɔ me ne Agya no ne abɔfo kronkron no anuonyam mu no, mʼani bewu ne ho. 27Na mereka akyerɛ mo se, mo a mugyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kosi sɛ wobehu Onyankopɔn Ahenni no.”

Yesu anuonyam da adi

28Yesu kaa ne nsɛm yi wiei no, ɛbɛyɛ nnawɔtwe akyi ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔw bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpae. 29Na Yesu gu so rebɔ mpae no, nʼanimdua sesae, na nʼatade nso hyerɛnee. 30Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasae. 31Saa nnipa baanu yi bepuee hɔ anuonyam mu kaa ne wu a obewu wɔ Yerusalem no ho asɛm kyerɛɛ no.

32Saa bere no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wonyannyanee a wɔn ani so tetew wɔn no, wohuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho. 33Na ɛbae sɛ nnipa no refi Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, eye sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese abiɛsa; wo de baako, Mose de baako na Elia nso de baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no.

34Ogu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wosuroe. 35Na ɛnne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Ba a mayi no. Muntie no!”

36Kasa yi akyi no, wohui sɛ aka Yesu nko ara na ogyina hɔ. Na mmere no mu, wɔanka nea wohui no ankyerɛ obiara.

Otwafo bi ayaresa

37Ade kyee a wosian fii bepɔw no so bae no, nnipakuw bi behyiaa Yesu. 38Ɔbarima bi fi nnipakuw no mu teɛɛm se, “Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a midi no ba koro ma me; 39sɛ hohommɔne ba ne so a, amonom ɔteɛm, otwa hwe, osinsen, nʼano pu ahuru, na obu fa so, na ɛkyɛ ansa na afi ne so. 40Na mesrɛɛ wʼasuafo no sɛ wontu hohommɔne no, nanso wɔantumi.”

41Yesu kae se, “O! Mo a munni gyidi, mentena mo nkyɛn na minnya mo ho boasetɔ nkosi da bɛn!” Afei ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Fa wo ba no bra ha.”

42Ɔde abofra no reba no, hohommɔne no twaa no hwee fam ma osinsenii. Nanso Yesu teɛteɛɛ hohommɔne no maa abofra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya.

43Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ hohommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwiriw wɔn. Na wɔredwinnwen nea asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, 44“Muntie asɛm a merebɛka yi yiye. Wobeyi Kristo no ama.” 45Nea ɔkae yi na ɛyɛ ahintasɛm nti, asuafo no ante ase. Nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase.

Nea ɔyɛ kɛse Onyankopɔn anim

46Asuafo no gyee akyinnye a ɛfa wɔn mu nea ɔbɛyɛ kɛse Onyankopɔn Ahenni mu no ho. 47Na Yesu huu wɔn adwene no, osoo abofra bi mu de no begyinaa ne nkyɛn pɛɛ, 48na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a obegye saa abofra yi wɔ me din mu no, gye me; na nea ogye me no nso, gye nea ɔsomaa me no. Nea ɔyɛ aketewaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛse.” 49Yohane nso ka kyerɛɛ no se, “Awurade, yehuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahohommɔne enti yɛbraa no.” 50Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛnsɛ sɛ anka mobra no, efisɛ, nea ontia mo no na ɔwɔ mo afa.”

Samariafo bi po Yesu

51Na bere a ɛsɛ sɛ Yesu san kɔ soro no rebɛn no, osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii kan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wɔnkosiesie baabi mma no. 53Nanso Samariafo no annye Yesu, efisɛ, wohui sɛ na ɔrekɔ Yerusalem. 54Asuafo no tee nea aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu se, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya fi soro bɛhyew wɔn pasaa anaa?” 55Yesu danee nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim, 56na wofii hɔ kɔɔ akuraa foforo bi ase.

Kristo akyidi mu brɛ

57Bere a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi.”

58Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmirebuw, nanso Kristo no de, onni dabere.”

59Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforo bi nso se, “Bedi mʼakyi.” Nanso ɔbarima no kae se, “Awurade, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa.”

60Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo de, kɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.” 61Na ɔfoforo nso kae se, “Awurade, medi wʼakyi; nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafo nkodi nkra ansa.”

62Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta wɔ dwumadi bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, mfata Onyankopɔn Ahenni on.”

Copyright information for TwiNAK